2 Samuel 16:19 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ ɛka ho bio ne sɛ, hwan na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛdeɛ mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Bio nso, hwan na mɛsom no? Ɛnyɛ ne ba? Sɛdeɛ mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ no w’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Bio nso, hwan na mɛsom no? Ɛnyɛ ne ba? Sɛdeɛ mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ no w’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Bio nso, hena na mɛsom no? So ɛnyɛ ne ba? Sɛnea mesom w’agya no, saa ara na mɛyɛ wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea ɛka ho bio ne sɛ, hena na ɛsɛ sɛ mesom no? Sɛnea mesom wʼagya no, saa ara na mɛsom wo.”