2 Samuel 16:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Absalom tiee Ahitofel afotuo sɛdeɛ Dawid yɛeɛ no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a ɛfiri Ahitofel anom baeɛ no mu nyansa no, yɛɛ sɛdeɛ ɛfiri Onyankopɔn anom.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ahitofel ɛfo a ɔtuu no nna no mu yɛɛ wɔn sɛ obi kɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ, na saa na na Ahitofel afotuo nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ahitofel ɛfo a ɔtuu no nna no mu yɛɛ wɔn sɛ obi kɔbisa Nyankopɔn hɔ adeɛ, na saa na na Ahitofel afotuo nyinaa teɛ ma Dawid ne Absalom.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Ahitofel ɛfo a otui nna no mu te sɛnea obi kobisa Onyankopɔn hɔ ade, saa na Ahitofel afotu nyinaa te ma Dawid ne Absalom.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Absalom tiee Ahitofel afotu sɛnea Dawid yɛe no pɛpɛɛpɛ. Na asɛm biara a efi Ahitofel anom bae no mu nyansa no yɛɛ sɛnea efi Onyankopɔn anom.