2 Samuel 16:5 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfoɔ retwam wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue firii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saulo abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba firii adi baa hɔ; na ɔreba no, na ɔredome.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Ɔhene Dawid duruu Bahurim no, ɔbarima bi a ɔfiri Saulo abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba firii adi baa hɔ; na ɔreba no, na ɔredome.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔhene Dawid duu Bahurim no, hwɛ, ɔbarima bi a ofi Saul abusua mu a wɔfrɛ no Simei a ɔyɛ Gera ba fii adi fii hɔ bae; na ɔreba no, na ɔredome.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a ɔhene Dawid ne ne nkurɔfo retwa mu wɔ Bahurim no, ɔbarima bi pue fii akuraa no ase bɛdomee wɔn. Na saa ɔbarima no din de Simei, Gera a ɔyɛ Saulo busuani babarima.