2 Samuel 17:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso abarimaa bi hunuu wɔn sɛ wɔrefiri En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn enti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔdwane kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kɔsiee abura bi a ɛwɔ nʼadihɔ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso aberanteɛ bi kɔhunuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no firii hɔ ntɛm kɔduruu Bahurim barima bi fie, na ɔwɔ abura n’adihɔ, na wɔsiane kɔtɛɛ mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso aberanteɛ bi kɔhunuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no firii hɔ ntɛm kɔduruu Bahurim barima bi fie, na ɔwɔ abura n’adihɔ, na wɔsiane kɔtɛɛ mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso aberante bi kohuu wɔn, na ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na wɔn baanu no kɔɔ ntɛm koduu Bahurim barima bi fi, na ɔwɔ abura wɔ n’adiwo hɔ, na wosian kɔɔ mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso abarimaa bi huu wɔn sɛ wɔrefi En-Rogel akɔ Dawid nkyɛn nti, ɔkɔka kyerɛɛ Absalom. Na woguan kɔɔ Bahurim, maa ɔbarima bi de wɔn kosiee abura bi a ɛwɔ nʼadiwo mu.