2 Samuel 17:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
na mede nnipa no asane abrɛ wo, sɛdeɛ ayeforɔ kɔ ne kunu nkyɛn. Saa onipa yi nkwa nko ara na worehwehwɛ. Afei nnipa no nyinaa bɛka a wɔrenha obiara.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na afei mede nnipa no nyinaa masane mabrɛ wo, sɛdeɛ wɔde ayeforɔ ba ne kunu nkyɛn; na onipa baako pɛ na worehwehwɛ no aku no, na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na afei mede nnipa no nyinaa masane mabrɛ wo, sɛdeɛ wɔde ayeforɔ ba ne kunu nkyɛn; na onipa baako pɛ na worehwehwɛ no aku no, na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na mede ɔman no nyinaa bɛsan abrɛ wo, sɛnea ayeforo san ba ne kunu nkyɛn. Onipa biako pɛ na worehwehwɛ no akum no te sɛ ɔman no nyinaa sanba; na ɔman no nyinaa bɛyɛ komm.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
na mede nnipa no asan abrɛ wo. Onipa a wohwehwɛ no no wu bɛma wɔn nyinaa asan aba; nnipa no mu biara ho rentɔ kyima.”