2 Samuel 18:20 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yoab nso ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wobɛtumi akɔbɔ saa amaneɛ no ɛda foforɔ bi, na ɛnyɛ ɛnnɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔni nnɛ. Da foforɔ na wobɛyɛ kaseɛbɔni, na ɛnnɛ deɛ, nkɔbɔ kaseɛ biara, ɛfiri sɛ ɔhene ba atɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔni nnɛ. Da foforɔ na wobɛyɛ kaseɛbɔni, na ɛnnɛ deɛ, nkɔbɔ kaseɛ biara, ɛfiri sɛ ɔhene ba atɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoab ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wobɛyɛ kaseɛbɔfo nnɛ. Da bi na yɛ kaseɛbɔfo, na ɛnnɛ de, nkɔbɔ kaseɛ, na ɔhene ba atɔ.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yoab nso ka kyerɛɛ no se, “Sɛ ɔhene ba awu a, ɛnyɛ asɛm papa mma no. Wubetumi akɔbɔ saa amanneɛ no da foforo bi, na ɛnyɛ nnɛ.”