2 Samuel 18:23 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkaa sɛ, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tata no so kɔeɛ, kɔsianee Kusni no ho.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, mɛtu mmirika. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kɔsianee Kusni no ho.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkaa sɛ: Ɛyɛ dɛn ara a, mɛtu mmirika. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kɔsianee Kusni no ho.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ose: Nea ɛbɛba mmra! Metu mmirika makɔ! Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Tu mmirika kɔ ɛ! Ɛnna Ahimaas tuu mmirika faa nsunoa kwan so kotwaa Kusni no ho.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Ɔkae se, “Mepene so, nanso ma menkɔ.” Enti Yoab ka kyerɛɛ no se, “Kɔ!” Na Ahimaas faa tataw no so kɔ kotwaa Kusni no ho.