2 Samuel 18:24 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Dawid te kuro no ɛpono ano no, ne wɛmfoɔ no kɔɔ kuro no ɛpono no atifi wɔ ɔfasuo no so. Ɔtoo nʼani no, ɔhunuu sɛ obi de mmirika reba.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid te kuro no apono mmienu no ntam. Na ɔwɛmfoɔ no kɔɔ kuro pono no atifi, ɔfasuo no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na ɔhunuu ɔbarima bi a ne nko ara de mmirika reba.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid te kuro no apono mmienu no ntam. Na ɔwɛmfoɔ no kɔɔ kuro pono no atifi, ɔfasuo no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na ɔhunuu ɔbarima bi a ne nko ara de mmirika reba.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid te kurow no apon abien no ntam. Na ɔwɛmfo no kɔɔ kurow pon no atifi, ɔfasu no so, na ɔmaa n’ani so hwɛe, na hwɛ, ɔbarima bi a ne nko de mmirika reba.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Dawid te kurow no pon ano no, ne wɛmfo no kɔɔ kurow no pon no atifi wɔ ɔfasu no so. Ɔtoo nʼani no, ohuu sɛ obi de mmirika reba.