2 Samuel 18:26 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei ɔwɛmfoɔ no hunuu sɛ ɔbarima foforɔ nso di so reba, na ɔteaam sɛ, “Hwɛ onipa foforɔ bi de mmirika reba!” Ɔhene no kaa sɛ, “Ebia, na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔwɛmfoɔ no hunuu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfoɔ no teaa mu kyerɛɛ ɔpono ano hwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔni.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔwɛmfoɔ no hunuu ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfoɔ no teaa mu kyerɛɛ ɔpono ano hwɛfoɔ no sɛ: Hwɛ ɔbarima foforɔ sɛ ɔde mmirika reba. Na ɔhene kaa sɛ: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔni.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔwɛmfo no huu ɔbarima foforo sɛ ɔde mmirika reba; na ɔwɛmfo no teɛɛ mu kyerɛɛ ɔpon ano hwɛfo no sɛ: Hwɛ, ɔbarima bi nko de mmirika reba. Na ɔhene se: Ɔno nso yɛ kaseɛbɔfo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
ɔwɛmfo no huu sɛ ɔbarima foforo nso di so reba, na ɔteɛɛ mu se, “Hwɛ onipa foforo bi de mmirika reba!” Ɔhene no kae se, “Ebia na ɔno nso de asɛm pa na ɛnam.”