2 Samuel 18:3 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Nanso, ne mmarima no tiaa mu dendeenden sɛ, “Ɛnsɛ sɛ wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yɛwae, na yɛdwane, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennuru Absalom akodɔm no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu ɔpedu enti, ɛyɛ sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛdɔm no kaa sɛ: Ɛnne yɛn nnkɔ, na sɛ dwane na yɛdwane a, wɔrennwene yɛn ho; na sɛ yɛn mu fa totɔ nso a, wɔrennwene yɛn ho, na wote sɛ yɛn mu mpem du; na enti ɛyɛ sɛ wo firi kuro no mu di boa yɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛdɔm no kaa sɛ: Ɛnne yɛn nnkɔ, na sɛ dwane na yɛdwane a, wɔrennwene yɛn ho; na sɛ yɛn mu fa totɔ nso a, wɔrennwene yɛn ho, na wote sɛ yɛn mu mpem du; na enti ɛyɛ sɛ wo firi kuro no mu di boa yɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na dɔm no kae sɛ: Mfi nkɔ, na sɛ yeguan a, ɛrenyɛ wɔn asɛm; na yɛn mu fa nso wu a, ɛrenyɛ wɔn asɛm, nso wote sɛ yɛn mu ɔpedu; enti eye mmom sɛ wufi kurow no mu di boa yɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nanso ne mmarima no tiaa mu denneennen se, “Ɛnsɛ se wokɔ bi. Na sɛ ɛba sɛ, ɛsɛ sɛ yegyae, na yeguan, na sɛ mpo, yɛn mu fa koraa wuwu a, ɛrennu Absalom asraafo no ho hwee. Wo ara na wɔbɛhwehwɛ. Wo nko ara yɛ yɛn mu mpem du, enti eye sɛ wobɛtena kurom na sɛ mmoa bi ho hia yɛn a, wode bɛba.”