2 Samuel 19:10 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na seesei Absalom a yɛsraa no sɛ ɔmmɛdi yɛn so ɔhene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsane mmra mmɛdi yɛn so.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Absalom a yɛsraa no ngo dii yɛn soɔ no nso atɔ dɔm ano; na afei adɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asane aba yi?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Absalom a yɛsraa no ngo dii yɛn soɔ no nso atɔ dɔm ano; na afei adɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asane aba yi?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Absalom a yɛsraa no dii yɛn so no, nso atɔ dɔm ano; na afei, ɛdɛn nti na motwentwɛn sɛ mobɛkɔ akɔfa ɔhene asan aba yi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na mprempren Absalom a wɔsraa no sɛ ommedi yɛn so hene no nso awu. Momma yɛnkɔka nkyerɛ Dawid na ɔnsan mmra mmedi yɛn so.”