2 Samuel 19:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Wɔtwa kɔɔ konkɔnoa kɔfaa ɔhene fiefoɔ de wɔn twaa asuo no, na wɔboaa wɔn wɔ ɛkwan biara a wɔbɛtumi so. Ɛberɛ a ɔhene no rebɛtwa asuo no, Gera babarima Simei kɔhwee nʼanim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na kodoɔ no twa kɔɔ sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fiefoɔ, na wɔayɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Na ɔhene rebɛtwa Yordan no, Gera ba Simei bɔɔ ne mu ase n’anim,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na kodoɔ no twa kɔɔ sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fiefoɔ, na wɔayɛ deɛ ɛyɛ wɔ n’ani soɔ. Na ɔhene rebɛtwa Yordan no, Gera ba Simei bɔɔ ne mu ase n’anim,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkorow no twa kɔe sɛ wɔde rekɔfa ɔhene fifo, na wɔayɛ nea eye n’ani so. Na ɔhene twaa Yordan bae no, Gera ba Simei hwee fam n’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wotwa kɔɔ baabi a ɛhɔ nnɔ kɔfaa ɔhene fifo no de wɔn twaa asu no, na wɔyɛɛ nea wɔpɛ biara maa wɔn. Bere a Gera ba Simei twaa asu no, kɔkotow ɔhene no,