2 Samuel 19:35 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduane ne nsã nyɛ me dɛ. Nnwontofoɔ nne so, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Madi mfirinhyia aduɔwɔtwe nnɛ, mɛhunu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte deɛ mɛdie ne deɛ mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofoɔ mmarima ne mmaa nne bio anaa? Na adɛn nti na wo somfoɔ nkɔ so nyɛ adesoa mma me wura ɔhene?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Madi mfirihyia aduɔwɔtwe nnɛ, so mehu papa ne bɔne mu, anaasɛ w’akoa bɛte nea medi ne nea mɛnom dɛ, anaasɛ mɛte nnwontofo mmarima ne mmea nne bio anaa? Na ɛdɛn nti na w’akoa nkɔ so nyɛ me wura ɔhene adesoa?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Madi mfirihyia aduɔwɔtwe, na biribiara nyɛ me akɔnnɔ. Aduan ne nsa nyɛ me dɛ. Nnwontofo nne nso, merente na adesoa nko ara na mɛyɛ ama Nana.