2 Samuel 19:42 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no sɛ, “Yɛyɛɛ saa, ɛfiri sɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn enti na mo bo afu saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduane anaa akyɛdeɛ biara nso.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Ɛfiri sɛ ɔhene bɛn yɛn. Na adɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru mo yi? Yɛadi ɔhene biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi anaa?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Ɛfiri sɛ ɔhene bɛn yɛn. Na adɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru mo yi? Yɛadi ɔhene biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi anaa?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima sɛ: Efisɛ ɔhene yɛ yɛn busuani. Na ɛdɛn nti na asɛm yi nti mo bo huru yi? So yɛadi ɔhene ho biribi anaasɛ wakyɛ yɛn biribi?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yuda mmarima nyinaa buaa Israel mmarima no se, “Yɛyɛɛ saa, efisɛ, ɔhene no yɛ yɛn busuani pɛɛ. Adɛn nti na mo bo afuw wɔ saa asɛm yi ho? Yɛannye no hwee na ɔno nso amma yɛn aduan anaa akyɛde biara nso.”
Recommended Reading