2 Samuel 19:43 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no sɛ, “Yɛwɔ mmusuakuo edu wɔ Israel na ɛno enti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa edu. Na adɛn enti na mobu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yɛdii ɛkan kaa sɛ, wɔmfa yɛn ɔhene nsane mmra?” Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sene Israel mmarima no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso deɛ yɛwɔ sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn ketewa, na ɛnyɛ yɛn na yɛdii kan kaa sɛ yɛde ɔhene bɛsane aba? Na Yuda mmarima nsɛm ano yɛɛ den sene Israel mmarima nsɛm no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso deɛ yɛwɔ sene mo. Adɛn nti na moabu yɛn ketewa, na ɛnyɛ yɛn na yɛdii kan kaa sɛ yɛde ɔhene bɛsane aba? Na Yuda mmarima nsɛm ano yɛɛ den sene Israel mmarima nsɛm no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Israel mmarima no buaa Yuda mmarima no sɛ: Yɛwɔ kyɛfa du ɔhene mu, na Dawid mu nso yɛwɔ sen mo. Na adɛn nti na moammu yɛn? So ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae sɛ wɔnkɔfa yɛn hene mmra? Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Israel mmarima buaa Yuda mmarima no se, “Yɛwɔ mmusuakuw du wɔ Israel na ɛno nti yɛwɔ ɔhene no mu kyɛfa du. Na adɛn nti na mubu yɛn abomfiaa? Ɛnyɛ yɛn na yedii kan kae se, wɔmfa yɛn hene nsan mmra?” Na Yuda mmarima no ano yɛɛ den sen Israel mmarima no.