2 Samuel 19:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no firii adi kɔtenaa kuro no abɔntenpono no ano. Na asɛm no trɛɛ kuro no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa ɛberɛ no na Israelfoɔ a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa adwane kɔ wɔn afie mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa ase wɔ kuro pono no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kuro pono no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Na Israel deɛ, na wɔadwanedwane kɔ wɔn afie mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa ase wɔ kuro pono no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kuro pono no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Na Israel deɛ, na wɔadwanedwane kɔ wɔn afie mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔhene sɔre bɛtenaa kurow pon no mu. Na wɔka kyerɛɛ ɔman no nyinaa sɛ: Hwɛ, ɔhene te kurow pon no mu. Ɛnna ɔman no nyinaa baa ɔhene anim. Afei na Israelfo no nyinaa aguanguan, obiara kɔ n’ankasa fi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔhene no fii adi kɔtenaa kurow no abɔntenpon no ano. Na asɛm no trɛw kurow no mu nyinaa sɛ ɔwɔ hɔ no, obiara kɔɔ ne nkyɛn. Saa bere no na Israelfo a wɔtaa Absalom akyi no nyinaa aguan kɔ wɔn afi mu.