2 Samuel 2:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnneɛ, kɔpɛ obi foforɔ, na wone no nko. Kɔ na kɔsi mmeranteɛ no baako so, na gye nʼakodeɛ a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso, Asahel, kɔɔ so taa no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Mane fa wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmeranteɛ no mu bi na gye n’asadeɛ fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔbɛsane afiri n’akyire.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Abner ka kyerɛɛ no sɛ: Man wo nifa anaa wo benkum kɔkyere mmerante no mu bi na gye n’asade fa! Na Asahel ampɛ sɛ ɔsan fi n’akyi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Abner ka kyerɛɛ no se, “Ɛno de, kɔhwehwɛ obi foforo, na wone no nko. Kɔ na kotintim mmerante no baako, na gye nʼakode a ɛwɔ ne ho nyinaa.” Nanso Asahel, kɔɔ so taa no.