2 Samuel 2:24 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Ɛberɛ a wɔduruu Amma bepɔ a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɛkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon ɛserɛ so no, na onwunu adwo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoab ne Abisai tii Abner. Na owia rekɔtɔ no, na wɔduruu Ama kokoɔ a ɛda Gia anim Gibeon serɛ so kwan ho no so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoab ne Abisai tii Abner. Na owia rekɔtɔ no, na wɔduruu Ama kokoɔ a ɛda Gia anim Gibeon serɛ so kwan ho no so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoab ne Abisai tiw Abner. Na owia kɔtɔe no na, wɔadu Amma koko a ɛda Gia anim Gibeon sare so kwan ho no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Yoab ne Abisai tee asɛm a asi no, wɔkɔɔ sɛ wɔrekɔhwehwɛ Abner. Bere a woduu Amma bepɔw a ɛbɛn Gia a ɛwɔ ɔkwan a ɛda hɔ kɔ Gibeon sare so no, na onwini adwo.