2 Samuel 2:29 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nante kɔɔ Araba. Wɔtwaa Yordan bɔnhwa, toaa so kɔɔ Bitron, bɛduruu Mahanaim.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Abner ne ne mmarima no faa mpaperɛ so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan nam Bitron nyinaa kɔɔ Mahanaim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Abner ne ne mmarima no faa mpaperɛ so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan nam Bitron nyinaa kɔɔ Mahanaim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Abner ne ne nnipa no faa Araba; tataw so nam anadwo no nyinaa twaa Yordan, nam awia mu no nyinaa koduu Mahanaim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Anadwo mu no nyinaa, Abner ne ne mmarima nantew kɔɔ Araba. Wotwaa Yordan bon, toaa so kɔɔ Bitron, beduu Mahanaim.