2 Samuel 20:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Amasa daa ne mogyabura mu, wɔ ɛkwan no mfimfini. Na ɔbarima no hunuu sɛ akodɔm no aduru hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no firii ɛkwan no mu, de no too wiram, de atadeɛ kataa ne so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Amasa yantamyantam mogya mu tempɔn no so. Na obiara a ɔbɛduru hɔ sɛ n’ani bɔ no so a, na wagyina. Saa nti, ɔbarima no hunuu sɛ ɛdɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa firii tempɔn no so kɔtoo wiram na ɔde ntoma kataa ne so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Amasa yantamyantam mogya mu tempɔn no so. Na obiara a ɔbɛduru hɔ sɛ n’ani bɔ no so a, na wagyina. Saa nti, ɔbarima no hunuu sɛ ɛdɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa firii tempɔn no so kɔtoo wiram na ɔde ntoma kataa ne so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Amasa yantayantam mogya mu ɔtempɔn no so. Na ɔbarima no hui sɛ dɔm no nyinaa gyinagyina hɔ no, ɔtwee Amasa fii ɔtempɔn no so kɔtoo wuram. Na sɛ ohui sɛ obiara a obedu no so no gyina nti, ɔde ntama kataa no so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Amasa daa ne mogyabura mu wɔ ɔkwan no mfimfini. Na ɔbarima no huu sɛ asraafo no adu hɔ a wɔagyina rehwɛ Amasa no, ɔtwee no fii ɔkwan no mu, de no too wuram, de atade kataa ne so.