2 Samuel 20:15 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yoab akodɔm no duruu hɔ no, wɔto hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wɔsisii epie wɔ kuro no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban firii atamfoɔ ho na wɔpempem afasuo no, pɛɛ sɛ wɔdwiri guo.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛdɔm a wɔka Yoab ho no nyinaa kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet-maaka, na wɔtotoo kuro no ho epie wɔ afasuo no akyi, na wɔpempemee afasuo no sɛ wɔredwiri agu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛdɔm a wɔka Yoab ho no nyinaa kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet-maaka, na wɔtotoo kuro no ho epie wɔ afasuo no akyi, na wɔpempemee afasuo no sɛ wɔredwiri agu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔkɔe kɔkaa no hyɛɛ Abel a ɛwɔ Bet-maaka, na wɔtotoo kurow no ho mpempe wɔ afasu no akyi. Na dɔm na wɔka Yoab ho nyinaa pempemee sɛ wɔredwiriw afasu no agu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yoab asraafo no duu hɔ no, wɔtow hyɛɛ Abel-Bet-Maaka so. Wosisii mpie wɔ kurow no akyi, de bɔɔ wɔn ho ban fii atamfo ho na wɔpempem afasu no, pɛɛ sɛ wodwiriw gu.