2 Samuel 20:16 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbaa nyansafoɔ bi teaam firi kuro no mu sɛ, “Montie! Montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ, ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ bi firi kuro no mu teaa mu sɛ: Montie, montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔntwe mpini ha, na me ne no nkasa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔbaa nyansafoɔ bi firi kuro no mu teaa mu sɛ: Montie, montie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ɔntwe mpini ha, na me ne no nkasa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔbea nyansafo bi fi kurow no mu teɛɛm sɛ: Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab sɛ ontwiw mmɛn ha na me ne no nkasa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na ɔbea nyansafo bi teɛɛ mu fi kurow no mu se, “Muntie! Muntie! Monka nkyerɛ Yoab se ɔmmra ha, na menka asɛm bi nkyerɛ no.”