2 Samuel 20:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Deɛ merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ɔfiri Efraim bepɔ so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mɛfiri kuro no mu.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ, “Wɔbɛto ne ti afiri ɔfasuo no so ama wo.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Asɛm no nte saa, na ɔbarima bi a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so atia Ɔhene Dawid. Monyi ɔno nko mma, na mɛfiri kuro no ho akɔ. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, wɔbɛto ne tiri afa ɔfasuo no so ama wo.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Asɛm no nte saa, na ɔbarima bi a ɔfiri Efraim bepɔ soɔ a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so atia Ɔhene Dawid. Monyi ɔno nko mma, na mɛfiri kuro no ho akɔ. Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ, wɔbɛto ne tiri afa ɔfasuo no so ama wo.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Asɛm no nte sa, na ɔbarima bi a ofi Efraim bepɔw so a ne din de Bikri ba Seba na wama ne nsa so ahyɛ ɔhene Dawid. Munyi no nko mma, na mefi kurow no ho makɔ. Na ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab sɛ: Hwɛ wɔbɛtow ne ti akyene afasu akyi ama wo.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Nea merehwehwɛ no ara ne ɔbarima bi a ne din de Seba a ɔyɛ Bikri babarima a ofi Efraim bepɔw so, na wama ne ho so atia ɔhene, ɔhene Dawid. Fa saa ɔbarima no bra, na mefi kurow no mu.” Ɔbea no ka kyerɛɛ Yoab se, “Wɔbɛtow ne ti afi ɔfasu no so ama wo.”