2 Samuel 20:22 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔbaa no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wɔtwaa Bikri babarima Seba ti, to maa Yoab. Enti, ɔhyɛnee totorobɛnto, maa ne mmarima no bɔ hweteeɛ, maa obiara kɔɔ ne fie. Na Yoab sane kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna ɔbaa no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wɔtwaa Bikri ba Seba ti to twenee Yoab. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, na wɔfirii kuro no ho hwete kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yoab sane baa Yerusalem ɔhene nkyɛn.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna ɔbaa no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wɔtwaa Bikri ba Seba ti to twenee Yoab. Na Yoab hyɛnee totorobɛnto, na wɔfirii kuro no ho hwete kokɔɔ wɔn ntomadan mu. Na Yoab sane baa Yerusalem ɔhene nkyɛn.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna ɔbea no faa nyansa kwan so kɔɔ ɔman no nyinaa nkyɛn. Na wotwaa Bikri ba Seba ti tow kyenee Yoab. Na ɔhyɛn torobɛnto, na wofii kurow no ho bɔ petee kokɔɔ wɔn afi mu. Na Yoab san baa Yerusalem ɔhene nkyɛn.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Afei, ɔbea no kɔkaa nʼafotu pa no kyerɛɛ nnipa no nyinaa. Na wotwaa Bikri babarima Seba ti, tow maa Yoab. Enti ɔhyɛn torobɛnto maa ne mmarima no bɔ hwetee, maa obiara kɔɔ ne fi. Na Yoab san kɔɔ ɔhene nkyɛn wɔ Yerusalem.