2 Samuel 20:23 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yoab bɛyɛɛ Dawid akodɔm so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene banbɔfoɔ so panin.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso Yoab na na ɔdi Israel asraa dɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso Yoab na na ɔdi Israel asraadɔm nyinaa soɔ, na Yoiada ba Benaia di Keretifoɔ ne Peletifoɔ soɔ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso Yoab na odi Israel dɔm nyinaa so, na Yoiada ba Benaia di Keretifo ne Peletifo so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yoab bɛyɛɛ Dawid asraafo no so sahene bio. Na Yehoiada babarima Benaia nso yɛ ɔhene bammɔfo so panyin.