2 Samuel 20:8 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na wɔduruu Gibeon ɔbo kɛseɛ no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotadeɛ a ɔde akofena abɔ nʼataaso. Ɔtuu nten kɔɔ nʼanim sɛ, ɔrekɔkyea Amasa pɛ, ɔyɛɛ nwaa twee akofena no firii bɔha mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na wɔduruu Gibeon boɔ kɛseɛ no ho no, Amasa bɛfirii wɔn anim. Na Yoab deɛ, na wabɔ n’akotadeɛ a ɔhyɛ no so, ɛso na na ne nkrantɛ abɔsoɔ wɔ, ɛsɛne n’asene mu, bɔha mu; na ɔrefiri adie no, ɛworɔ tɔɔ fam.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na woduu Gibeon bo kɛse no ho no, Amasa befii wɔn anim. Na Yoab de wabɔ n’akotade a ɔhyɛ no so, ɛso na ne nkrante abɔso wɔ, ɛsɛn n’asen so, boha mu; na ɔrefi adi no, ɛworɔw tɔɔ fam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na woduu Gibeon ɔbo kɛse no ho no, Amasa hyiaa wɔn. Na Yoab hyɛ nʼakotade a ɔde afoa abɔ nʼataaso. Otuu nten kɔɔ nʼanim sɛ ɔrekokyia Amasa no, afoa no fii boha no mu tɔɔ fam.