2 Samuel 20:9 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yoab bisaa no sɛ, “Me nua, wo ho te sɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa sɔɔ nʼabɔgyesɛ mu, sɛ deɛ ɔrefe nʼano.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔdwesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yoab bisaa Amasa sɛ: Me nua, wo ho yɛ anaa? Na Yoab de ne nsa nifa kɔsɔɔ Amasa bɔgyesɛ mu sɛ ɔrefe n’ano.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yoab ka kyerɛɛ Amasa sɛ: Me nua wo ho ye? Na Yoab nsa nifa kosoo Amasa bogyesɛ mu sɛ ɔrefew n’ano.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yoab bisaa no se, “Me nua, wo ho te dɛn?” Ɛhɔ ara na Yoab de ne nsa nifa soo nʼabogyesɛ mu, sɛ nea ɔrefew nʼano.