2 Samuel 21:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Yisbi-Benob yɛ abrane no asefoɔ mu baako. Na ne pea mu duru kari boro kilogram mmiɛnsa ne fa, a wɔde akofena foforɔ ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebɛkum no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Yisbi-benob a ɔyɛ abrane mma mu bi a ne pea duro kari kɔbere mfrafraeɛ nnwetɛbena ahasa na ɔde nkrantɛ foforɔ abɔ n’asene no kaa sɛ ɔrebɛkum Dawid.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Yisbi-benob a ɔyɛ abran mma no mu bi a ne peaw duru kari kɔbere nnwetɛbona ahasa na ɔde nkrante foforo abɔ no kae sɛ ɔrebekum Dawid.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Yisbi-Benob yɛ abran no asefo mu baako. Na ne peaw mu duru kari boro kilogram abiɛsa ne fa, a wɔde afoa foforo ahyehyɛ ne ho. Na waka Dawid ahyɛ a anka ɔrebekum no.