2 Samuel 21:18 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Yei akyi, ɔko foforɔ ba de tiaa Filistifoɔ no wɔ Gob. Wɔgu so reko no, Sibekai a ɔfiri Husan, kumm Saf a na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yei akyiri no, wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Saf a ɔyɛ abrane mma mu bie no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yei akyiri no, wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Saf a ɔyɛ abrane mma mu bie no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyi akyi no wɔne Filistifo nyaa ɔko bio wɔ Gob. Ɛno mu na Husani Sibekai kum Saf a ɔyɛ abran mma no mu bi no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Eyi akyi, ɔko foforo ba de tiaa Filistifo no wɔ Gob. Wogu so reko no, Sibekai a ofi Husan, kum Saf a na ɔno nso yɛ abran no asefo no bi.