2 Samuel 22:16 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Awurade kasaeɛ, na ewiase nnyinasoɔ no nyinaa daa hɔ. Wɔtumi hunuu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE animuka nti, ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinasoɔ ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE animuka nti, ɛfiri ne hwene mu home tehyeetehyee mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛpo mu aka yiyii adi, wiase nnyinaso ho daa hɔ. Ɛnam AWURADE ateɛteɛ so, efi ne hwene mu home hahyeehayee hahyeehayee mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Awurade kasae, na wiase nnyinaso no nyinaa daa hɔ. Wotumi huu ɛpo ase, na asase fapem ho daa hɔ.