2 Samuel 22:31 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
“Onyankopɔn deɛ, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ akokyɛm ma wɔn a wɔhwehwɛ banbɔ wɔ ne mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Onyankopɔn deɛ, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE bɔhyɛ yɛ nokorɛ, ɔyɛ ɛkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to ne soɔ nyinaa.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Onyankopɔn de, ne kwan yɛ pɛ, AWURADE asɛm mu tew, ɔyɛ ɔkyɛm ma wɔn a wɔde wɔn ho to no so nyinaa.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
“Onyankopɔn de, nʼakwan yɛ pɛ; Awurade bɔhyɛ nyinaa ba mu. Ɔyɛ nkatabo ma wɔn a wɔhwehwɛ bammɔ wɔ ne mu.