2 Samuel 23:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ bi, ɛduruu twaberɛ no a Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filistia akodɔm bɛkyeree sraban wɔ Refaim bɔnhwa mu. Baasa no (a na wɔka Aduasa no ho no, wɔn a na wɔyɛ nimdefoɔ wɔ Dawid akofoɔ mu no) siane kɔhyiaa no wɔ hɔ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na atitire aduasa no mu baasa siane baa Dawid nkyɛn twaberɛ wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifoɔ asafo bi akyere nsraban Refaim bonhwa mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na atitire aduasa no mu baasa siane baa Dawid nkyɛn twaberɛ wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifoɔ asafo bi akyere nsraban Refaim bonhwa mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na atitiriw aduasa no mu baasa sian baa Dawid nkyɛn twabere wɔ Adulam bodan mu. Na Filistifo asafo bi abɔ nsra Refaim bon mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Twabere bi a na Dawid wɔ Adulam ɔbodan mu no, Filisti asraafo bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bon mu. Dawid akofo nimdefo aduasa no mu baasa sian kohyiaa no wɔ hɔ.