2 Samuel 23:21 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ bi nso, na akontibaa na ɛkura no, nanso ɔde kumm Misraimni ɔkofoɔ kɛseɛ bi a na ɔno kura pea. Benaia hwam pea no firii Misraimni no nsam, na ɔde kumm no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
na ɔno ara nso kɔkum Misraimni bi a ɔyɛ ɔbarima a ɔso, na Misraimni no kura pea ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwam Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
na ɔno ara nso kɔkumm Misraimni bi a ɔyɛ ɔbarima a ɔso, na Misraimni no kura pea ne nsam, na ɔde poma siane kɔɔ ne nkyɛn, na ɔhwam Misraimni no nsam pea no de ɔno ara ne pea no kumm no.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
na okum Misraimni barima hoɔfɛfo bi, na Misraimni no kura peaw ne nsam, na Benaia de poma sian kɔɔ ne nkyɛn, na ohuam Misraimni ankasa peaw fii ne nsam de kum no.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere bi nso, ɔde abaaporiwa a na okura no kum Misraimni ɔkofo kɛse bi a na ɔno kura peaw. Benaia hwim peaw no fii Misraimni no nsam, na ɔde kum no.