2 Samuel 23:3 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Israel Onyankopɔn kasaeɛ, Israel botan ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Onipa a ɔdi ɔhene tenenee mu, na ɔde Nyamesuro di ɔhene no,
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Deɛ ɔdi nnipa soɔ a ɔtene, deɛ ɔdi so Nyankopɔn suro mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Israel Nyankopɔn akasa, me na Israel botan no kasa kyerɛɛ me. Nea odi nnipa so a ɔteɛ, nea odi so Onyankopɔn suro mu.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Israel Nyankopɔn kasae. Israel botan ka kyerɛɛ me se: ‘Onipa a odi hene trenee mu, na ɔde Onyamesuro di hene no,