2 Samuel 23:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Edin a ɛdidi soɔ yi yɛ Dawid nnɔmmarima: Deɛ ɔdi ɛkan ne Yoseb-Basebet a ɔfiri Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofoɔ akɛseɛ Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne pea kumm atamfoɔ akofoɔ aha nwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so nnipa ahanwɔtwe a ɔkunkum wɔn prɛko soɔ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Yeinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din: Takemoni Yoseb-basebet a ɔdi akunini mmiɛnsa no mu titire. Ɔno na ɔmaa ne pea so wɔ nnipa ahanwɔtwe so a ɔkunkumm wɔn prɛko.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Eyinom ne nnɔmmarima a Dawid wɔ no din. Tahkemonni Yoseb-basebet a odi akunini no mu titiriw. Ɔno na ɔmaa ne peaw so kunkum nnipa ahanwɔtwe prɛko.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Din a edidi so yi yɛ Dawid dɔmmarima: Nea odi kan ne Yoseb-Basebet a ofi Tahkemon, na ɔyɛ ɔsahene wɔ akofo akɛse Baasa bi so wɔ Dawid mmarima no mu. Ɔno na ɔde ne peaw kum atamfo akofo ahanwɔtwe wɔ ɔsa baako pɛ mu no.