2 Samuel 24:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kan nnipa no nyinaa wieeɛ no, nʼatiboa buu no fɔ, enti ɔka kyerɛɛ Awurade sɛ, “Deɛ meyɛeɛ yi enti, mayɛ bɔne kɛseɛ. Enti, Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbuo yi firi wo ɔsomfoɔ so. Mayɛ nkwaseadeɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid kan ɔman no saa no, n’akoma bɔɔ no paripari, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Deɛ mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumuyɛ nsene nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid kan ɔman no saa no, ne koma bɔɔ no pan, na Dawid ka kyerɛɛ AWURADE sɛ: Nea mayɛ yi, mayɛ bɔne pa ara, na afei AWURADE, mesrɛ wo, ma w’akoa amumɔyɛ nsen nkɔ, na madi nkwaseasɛm sɛ!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid kan nnipa no nyinaa wiei no, nʼahonim buu no fɔ, nti ɔka kyerɛɛ Awurade se, “Nea meyɛe yi nti, mayɛ bɔne. Enti Awurade, mesrɛ wo, yi saa afɔbu yi fi wo somfo so. Mayɛ nkwaseade.”