2 Samuel 3:13 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buaa sɛ, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛeɛ no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babaa no brɛ me.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔkaa sɛ: Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na adeɛ baako pɛ na merebisa no wo hɔ sɛ: Nhunu m’anim gye sɛ wode Saulo babaa Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɔkae sɛ. Wiɛ, me ne wo bɛpam. Na ade biako pɛ na merebisa wo hɔ sɛ: Nhu m’anim gye sɛ wode Saul babea Mikal ba ansa na woaba abɛhwɛ m’anim.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buae se, “Ɛyɛ asɛm papa, nanso me ne wo renyɛ saa nhyehyɛe no gye sɛ, sɛ woreba a, wode me yere Mikal a ɔyɛ Saulo babea no brɛ me.”