2 Samuel 3:35 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛda a wɔreyɛ ayie no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no sɛ ɔnnidi. Nanso, na Dawid aka ntam sɛ, “Sɛ medidi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nku me.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɔman no nyinaa baa sɛ wɔrebɛkorɔkorɔ Dawid ama no adidi, na owia da so wɔ hɔ no, Dawid kaa ntam sɛ: Sei na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduane anaa biribiara meka m’ano ansa na owia akɔtɔ a!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ade nsae no, ɔman no nyinaa bae sɛ wɔbɛma Dawid adidi nanso Dawid kaa ntam sɛ: Saa na Onyankopɔn nyɛ me na ɔnkɔ so nyɛ, sɛ mede aduan anaa biribiara meka m’ano ansa na owia kɔtɔ a!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da a wɔreyɛ ayi no, Dawid annidi da mu no nyinaa, maa afei, obiara srɛɛ no se onnidi. Nanso na Dawid aka ntam se, “Sɛ mididi ansa na owia akɔtɔ a, Onyankopɔn nkum me.”