2 Samuel 3:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a na ɔko a ɛda Saulo fie ne Dawid fie no gu so no, na Abner yɛ ntuanoni a ɔwɔ tumi wɔ wɔn a wɔdi Saulo akyi no so.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na ɛberɛ a na akodie da Saulo fie ne Dawid fie ntam no, Abner yɛɛ ne ho kɛseɛ wɔ Saulo fie ara.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na ɛberɛ a na akodie da Saulo fie ne Dawid fie ntam no, Abner yɛɛ ne ho kɛseɛ wɔ Saulo fie ara.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na bere a akodi da Saul fi ne Dawid fi ntam no, Abner kɔɔ so yɛɛ den Saul fi mu ara.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a na ɔko a ɛda Saulo fi ne Dawid fi no gu so no, na Abner agye din ama nʼankasa ne ho wɔ Saulo fi.