2 Samuel 3:7 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Emu hɔ Is-Boset bɔɔ Abner kwaadu sɛ ɔne nʼagya Saulo mpena a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aya babaa, ada.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho?
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Nso na Saulo wɔ mpena bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babaa. Na Isboset ka kyerɛɛ Abner sɛ: Adɛn nti na wokɔ m’agya mpena ho?
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Nso Saul wɔ ɔyefam bi a ne din de Rispa a ɔyɛ Aya babea. Na Is-boset ka kyerɛɛ Abner sɛ. Ɛdɛn nti na wokɔ m’agya yefam ho?
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Saulo wɔ mpena bi a wɔfrɛ no Rispa, a ɔyɛ Aia babea. Na Is-Boset bisaa Abner se, “Adɛn nti na wo ne mʼagya mpena dae?”