2 Samuel 4:10 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a onipa bi bɛka kyerɛɛ me sɛ, ‘Saulo awu’ a na ɔdwene sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kumm no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
deɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saulo awu, na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde abrɛ me no, mekyeree no mekumm no Siklag, mede metuaa no n’asɛm no so ka,
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
deɛ ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saulo awu, na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde abrɛ me no, mekyeree no mekumm no Siklag, mede metuaa no n’asɛm no so ka,
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
nea ɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Hwɛ, Saul awu na ɛyɛɛ n’ani so sɛ asɛmpa na ɔde brɛɛ me no, mekyeree no mikum no Siklag, mede mituaa no n’asɛm no so ka,
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a onipa bi bɛka kyerɛɛ me se, ‘Saulo awu’ a na osusuw sɛ ɔreka asɛm pa akyerɛ me no, mekyeree no kum no wɔ Siklag. Nʼasɛm a ɔbɛka kyerɛɛ me no so akatua a mede maa no ne no.