2 Samuel 4:12 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wɔkunkumm wɔn. Wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan, na wɔde kuntunsini no sensɛn Hebron ɔtadeɛ ho. Na wɔfaa Is-Boset tire no kɔsiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid hyɛɛ ne mmeranteɛ no maa wɔkumm wɔn, na wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan de sensɛnee ɔtareɛ a ɛwɔ Hebron no ho. Na Isboset tiri no deɛ, wɔfae, na wɔsiee wɔ Abner da mu Hebron.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid hyɛɛ ne mmeranteɛ no maa wɔkumm wɔn, na wɔtwitwaa wɔn nsa ne wɔn nan de sensɛnee ɔtareɛ a ɛwɔ Hebron no ho. Na Isboset tiri no deɛ, wɔfae, na wɔsiee wɔ Abner da mu Hebron.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid hyɛɛ ne mmerante no ma wokum wɔn na wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan de sensɛn ɔtare a ɛwɔ Hebron no ho. Na Is-boset ti no de wɔfae na wosiee no Abner da mu Hebron.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Dawid hyɛɛ ne mmarima ma wokunkum wɔn. Wotwitwaa wɔn nsa ne wɔn anan, na wɔde asin no sensɛn Hebron ɔtare ho. Na wɔfaa Is-Boset ti no kosiee no wɔ Abner ɔboda mu wɔ Hebron.