2 Samuel 4:5 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dabi Beerotni, Rimon mmammarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fie awia berɛ mu a na ɔregye nʼahome.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana sii mu baa Isboset fie awia ketee, nso na wada awianna.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana sii mu baa Isboset fie awia ketee, nso na wada awianna.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Beerotni Rimon mma Rekab ne Baana siim baa Is-boset fi awia ketee, nso na wada awianna.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Da bi, Beerotni, Rimon mmabarima baanu a wɔn din de Rekab ne Baana kɔɔ Is-Boset fi awia bere mu a na ɔregye nʼahome.