2 Samuel 4:6 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛpono ano hwɛfoɔ a na ɔreporo ayuo no, na wada. Enti Rekab ne Baana twaa ne ho kɔɔ Is-Boset pia mu, kɔwɔɔ ne yafunu mu sekan, na wɔdwaneeɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na hwɛ, na efie hɔ pono wɛmfoɔ no reporo ayuo, na n’ani akum ama wada; enti Rekab ne ne nua Baana yɛɛ nwaa hyɛnee mu.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na hwɛ, na efie hɔ pono wɛmfoɔ no reporo ayuo, na n’ani akum ama wada; enti Rekab ne ne nua Baana yɛɛ nwaa hyɛnee mu.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na wɔba beduu ofi no mfinimfini sɛ wɔrebɛfa awi, na wɔwɔɔ ne yafunum. Na Rekab ne ne nua Baana fi guanee.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Wowuraa mu kɔɔ ne pia mu te sɛnea wɔrekɔpɛ awi, kɔwɔɔ ne yafunu mu afoa. Afei Rekab ne Baana wiawiaa wɔn ho guanee.