2 Samuel 5:12 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid hunuu sɛ, ne nkurɔfoɔ Israelfoɔ enti, Awurade asi no ɔhene, na wayɛ nʼahemman kɛseɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid hunuu sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn na ne man Israel nti wama n’ahennie so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid hunuu sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn na ne man Israel nti wama n’ahennie so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid hui sɛ AWURADE de no asi Israel so hene pintinn ne sɛ ne man Israel nti wama n’ahenni so.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Na Dawid huu sɛ, ne nkurɔfo Israelfo nti, Awurade asi no hene, na wayɛ nʼaheman kɛse.