2 Samuel 5:25 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Enti, Dawid yɛɛ deɛ Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifoɔ no firi Geba de kɔsii Geser.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔkum Filistifoɔ no firi Geba de kɔduruu Geser.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ AWURADE hyɛɛ no no, na ɔkumm Filistifoɔ no firi Geba de kɔduruu Geser.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid yɛe sɛnea AWURADE hyɛɛ no no na okunkum Filistifo no fi Geba de koduu Geser.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Enti Dawid yɛɛ nea Awurade ka kyerɛɛ no no, na ɔsɛee Filistifo no fi Geba de kosii Geser.