2 Samuel 6:20 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Ɛberɛ a Dawid sane kɔɔ ne fie sɛ ɔrekɔhyira ne fiefoɔ no, Mikal firii adi ba bɛhyiaa no ka kyerɛɛ no abufuo so sɛ, “Ɛnnɛ deɛ, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ deɛ obiara a ɔmmu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Ɛnna Dawid sane bɛhyiraa ne fiefoɔ. Na Saulo ba Mikal firii adi bɛhyiaa Dawid, na ɔkaa sɛ: Animuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ wɔ n’asomfoɔ mfenaa anim, sɛ ahuhufoɔ no bi pa ne ho a n’ani mmu ne dwɛ!
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Ɛnna Dawid san behyiraa ne fi. Na Saul ba Mikal fii adi behyiaa Dawid na ɔkae sɛ: Anuonyam bɛn na Israel hene anya nnɛ, sɛ wapa ne ho nnɛ ne nkoa mfenaa anim, sɛ ahuhufo no bi pa ne ho animguase so a n’ani mmu no dwɛ yi!
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Bere a Dawid san kɔɔ ne fi sɛ ɔrekohyira ne fifo no, Mikal fii adi ba behyiaa no ka kyerɛɛ no abufuw so se, “Nnɛ de, na Israelhene nsɛ ha! Ɔpaa ne ho kyerɛɛ ne mfenaa te sɛ nea obiara a ommu ne ho bɛyɛ no ara pɛ.”