2 Samuel 6:21 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buaa Mikal sɛ, “Na meresa wɔ Awurade a ɔyii me, na ɔtwaa wʼagya ne nʼabusuafoɔ gyaeɛ no anim. Ɔyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfoɔ ɔkannifoɔ. Ɛno enti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛdeɛ ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔfirii w’agya ne ne fie nyinaa akyi yii me na ɔhyɛɛ me sɛ menni ne man Israel so hene no anim na megoroeɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔfirii w’agya ne ne fie nyinaa akyi yii me na ɔhyɛɛ me sɛ menni ne man Israel so hene no anim na megoroeɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na Dawid ka kyerɛɛ Mikal sɛ: AWURADE a ɔpaw me fii w’agya ne ne fi nyinaa akyi, yii me na ɔhyɛɛ me sɛ minni ne man Israel so panyin no anim na migorui.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid buaa Mikal se, “Na meresaw wɔ Awurade a oyii me, na otwaa wʼagya ne nʼabusuafo gyawee no anim. Oyii me sɛ menyɛ Israel a wɔyɛ Awurade nkurɔfo ɔkannifo. Ɛno nti, ɛyɛ me pɛ sɛ meyɛ me ho sɛ ɔkwasea, sɛnea ɛbɛma makyerɛ mʼahokeka a mewɔ wɔ Awurade mu.