2 Samuel 6:22 — Compare Translations
5 translations compared side by side
Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Aane, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sene yei, na mmaayewa korɔ yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me animuonyam.”
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na mɛyɛ awiɛmfoɔ masene yei bio, na mayɛ w’ani so famni. Na mfenaa a woaka no, wɔn na mɛnya animuonyam wɔ wɔn ani so.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na mɛyɛ awiɛmfoɔ masene yei bio, na mayɛ w’ani so famni. Na mfenaa a woaka no, wɔn na mɛnya animuonyam wɔ wɔn ani so.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na mɛyɛ ayemfo masen eyi bio na mayɛ m’ani so famni. Nanso mfenaa a woka no, wɔn ara na ɛbɛhyɛ me anuonyam.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Yiw, na mepɛ sɛ meyɛ ɔkwasea koraa sen eyi, na mmeawa koro yi ara a woreka wɔn ho asɛm yi bɛhyɛ me anuonyam.”