2 Samuel 6:8 — Compare Translations

5 translations compared side by side

Twi Bible (Asante Twi Nkwa Asɛm)
Dawid nso bo fuiɛ, ɛfiri sɛ, Awurade abufuo atia Usa. Ɔtoo saa beaeɛ hɔ edin Peres-Usa a aseɛ ne abufuhyeɛ a ɛtia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de bɛsi ɛnnɛ.
Twi Bible (Twerɛ Kronkron)
Na Dawid bo fui sɛ AWURADE atwe Usa aso wɔ n’abufuo mu. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ.
Twi Bible 2012 (New Revised Asante Twi Bible)
Na Dawid bo fui sɛ AWURADE atwe Usa aso wɔ n’abufuo mu. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ.
Twi Bible 2017 (DC KYERƐW KRONKRON)
Na ɛyɛɛ Dawid awerɛhow sɛ AWURADE abufuw aba Usa so. Na ɔfrɛɛ hɔ din sɛ Peres-usa, ase ne: Usa so abufuw, de besi nnɛ yi.
Twi Bible 2020 (Akuapem Twi Nkwa Asɛm)
Dawid nso bo fuw, efisɛ Awurade abufuw atia Usa. Ɔtoo saa beae hɔ din Peres-Usa a ase ne abufuwhyew a etia Usa. Wɔfrɛ hɔ saa ara de besi nnɛ.